Luke 5:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhunuu akodoɔ mmienu a afarefoɔ bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agya wɔ ɔtadeɛ no ho.
Luke 5:2 in English
Luke 5:2 · Berean Standard Bible
He saw two boats at the edge of the lake. The fishermen had left them and were washing their nets.
Context
1Ɛda bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtadeɛ ho no, nnipakuo bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Onyankopɔn asɛm. 2Ɔhunuu akodoɔ mmienu a afarefoɔ bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agya wɔ ɔtadeɛ no ho. 3Yesu kɔtenaa kodoɔ no baako a na ɛyɛ Simon dea no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon sɛ ɔmpia nkɔ nsuo no mu kakra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi afiri hɔ akasa akyerɛ nnipa no. 4Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na monkɔgu mo asau no na mobɛyi nam bebree.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.