Luka 4:19
Luke 4:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba.”
Luke 4:19 in English
Luke 4:19 · Berean Standard Bible
to proclaim the year of the Lord’s favor.”*
Context
17Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ, 18“Awurade Honhom wɔ me so,
na wɔayi me sɛ
memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ,
wɔbɛnya ahofadie,
na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam. 19Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba.” 20Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. 21Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.