Luka 4:16
Luke 4:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm.
Luke 4:16 in English
Luke 4:16 · Berean Standard Bible
Then Jesus came to Nazareth, where He had been brought up. As was His custom, He entered the synagogue on the Sabbath. And when He stood up to read,
Context
14Yesu sane baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛre koraa ne din trɛɛ ɔman no mu nyinaa. 15Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no. 16Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm. 17Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ, 18“Awurade Honhom wɔ me so,
na wɔayi me sɛ
memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ,
wɔbɛnya ahofadie,
na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.