Native Bible

Luke 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.”

Luke 3:9 in English

Luke 3:9 · Berean Standard Bible

The axe lies ready at the root of the trees, and every tree that does not produce good fruit will be cut down and thrown into the fire.”

Context

7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. 9Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.” 10Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?” 11Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.