Native Bible

Luke 3:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli.

Luke 3:23 in English

Luke 3:23 · Berean Standard Bible

Jesus Himself was about thirty years old when He began His ministry. He was regarded as the son of Joseph, the son of Heli,

Context

21Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ. 22Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.” 23Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli. 24Eli agya ne Mattat; Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef; 25Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; Hesli agya ne Nagai;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.