Luka 24:51
Luke 24:51 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
Luke 24:51 in English
Luke 24:51 · Berean Standard Bible
While He was blessing them, He left them and was carried up into heaven.
Context
49Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.” 50Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem. 53Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.