Native Bible

Luke 24:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn.

Luke 24:4 in English

Luke 24:4 · Berean Standard Bible

While they were puzzling over this, suddenly two men in radiant apparel stood beside them.

Context

2Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ. 3Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ. 4Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5Mmaa yi akoma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu? 6Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.