Native Bible

Luke 22:63 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no,

Luke 22:63 in English

Luke 22:63 · Berean Standard Bible

The men who were holding Jesus began to mock Him and beat Him.

Context

61Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, 62Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ. 63Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64sane bisaa no sɛ, “Odiyifoɔ, hwan na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65Wɔkɔɔ so yeyaa no kaa abususɛm ahodoɔ guu ne so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.