Luka 22:41
Luke 22:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔtwee ne ho firii asuafoɔ no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotoeɛ, bɔɔ mpaeɛ sɛ,
Luke 22:41 in English
Luke 22:41 · Berean Standard Bible
And He withdrew about a stone’s throw beyond them, where He knelt down and prayed,
Context
39Yesu ne nʼasuafoɔ no firii kuro no mu kɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na nʼasuafoɔ no ka ne ho. 40Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.” 41Afei, ɔtwee ne ho firii asuafoɔ no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotoeɛ, bɔɔ mpaeɛ sɛ, 42“Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ” 43Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.