Luka 22:28
Luke 22:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me ne mo na afa ɔhaw ne amaneɛ mu a, moda so ne me nam.
Luke 22:28 in English
Luke 22:28 · Berean Standard Bible
You are the ones who have stood by Me in My trials.
Context
26Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ. 27Merebisa mo sɛ, nnipa baanu yi mu hwan na ɔdi ne yɔnko so, deɛ ɔte adidipono ho anaa deɛ ɔsom deɛ ɔte adidipono no ho no? Nanso, me deɛ, mewɔ mo mu sɛ mo ɔsomfoɔ. 28Me ne mo na afa ɔhaw ne amaneɛ mu a, moda so ne me nam. 29Mʼagya de Ahennie no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. 30Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.