Native Bible

Luke 20:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Luke 20:38 in English

Luke 20:38 · Berean Standard Bible

He is not the God of the dead, but of the living, for to Him all are alive.”

Context

36Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din. 38Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.” 39Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.” 40Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.