Luka 2:44
Luke 2:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn.
Luke 2:44 in English
Luke 2:44 · Berean Standard Bible
Assuming He was in their company, they traveled on for a day before they began to look for Him among their relatives and friends.
Context
42Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no,* nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. 43Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. 44Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn. 45Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.