Luka 2:42
Luke 2:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no,* nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no.
Luke 2:42 in English
Luke 2:42 · Berean Standard Bible
And when He was twelve years old, they went up according to the custom of the Feast.
Context
40Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so. 41Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no. 42Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no,* nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. 43Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. 44Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.