Luka 2:38
Luke 2:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.
Luke 2:38 in English
Luke 2:38 · Berean Standard Bible
Coming forward at that moment, she gave thanks to God and spoke about the Child to all who were waiting for the redemption of Jerusalem.
Context
36Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ. 37Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. 38Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa. 39Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.