Native Bible

Luke 2:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ.

Luke 2:36 in English

Luke 2:36 · Berean Standard Bible

There was also a prophetess named Anna, the daughter of Phanuel, of the tribe of Asher, who was well along in years. She had been married for seven years,

Context

34Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. 35Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu.” 36Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ. 37Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. 38Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.