Native Bible

Luke 18:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Luke 18:30 in English

Luke 18:30 · Berean Standard Bible

will fail to receive many times more in this age—and in the age to come, eternal life.”

Context

28Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.” 29Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma 30na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.” 31Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.