Native Bible

Luke 18:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.”

Luke 18:27 in English

Luke 18:27 · Berean Standard Bible

But Jesus said, “What is impossible with man is possible with God.”

Context

25Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 26Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” 27Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.” 28Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.” 29Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.