Luka 17:13
Luke 17:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ.”
Luke 17:13 in English
Luke 17:13 · Berean Standard Bible
and raised their voices, shouting, “Jesus, Master, have mercy on us!”
Context
11Ɛberɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. 12Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no 13teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ.” 14Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den. 15Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.