Luka 16:28
Luke 16:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’
Luke 16:28 in English
Luke 16:28 · Berean Standard Bible
for I have five brothers. Let him warn them, so that they will not also end up in this place of torment.’
Context
26Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’ 27“Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, 28ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’ 29“Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’ 30“Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.