Luka 16:27
Luke 16:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie,
Luke 16:27 in English
Luke 16:27 · Berean Standard Bible
‘Then I beg you, father,’ he said, ‘send Lazarus to my father’s house,
Context
25“Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea. 26Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’ 27“Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, 28ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’ 29“Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.