Native Bible

Luke 15:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani,

Luke 15:23 in English

Luke 15:23 · Berean Standard Bible

Bring the fattened calf and kill it. Let us feast and celebrate.

Context

21“Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani, 24ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani. 25“Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.