Luka 15:21
Luke 15:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
Luke 15:21 in English
Luke 15:21 · Berean Standard Bible
The son declared, ‘Father, I have sinned against heaven and against you. I am no longer worthy to be called your son.*’
Context
19na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’ 20Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn.
“Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu. 21“Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.