Luka 14:33
Luke 14:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
Luke 14:33 in English
Luke 14:33 · Berean Standard Bible
In the same way, any one of you who does not give up everything he has cannot be My disciple.
Context
31“Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra. 33Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani. 34“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? 35Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu.
“Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.