Native Bible

Luke 12:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’

Luke 12:19 in English

Luke 12:19 · Berean Standard Bible

Then I will say to myself, “You have plenty of good things laid up for many years. Take it easy. Eat, drink, and be merry!”’

Context

17Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’ 18“Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ. 19Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’ 20“Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’ 21“Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.