Luka 12:18
Luke 12:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ.
Luke 12:18 in English
Luke 12:18 · Berean Standard Bible
Then he said, ‘This is what I will do: I will tear down my barns and will build bigger ones, and there I will store up all my grain and my goods.
Context
16Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. 17Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’ 18“Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ. 19Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’ 20“Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.