Native Bible

Luke 10:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ.

Luke 10:31 in English

Luke 10:31 · Berean Standard Bible

Now by chance a priest was going down the same road, but when he saw him, he passed by on the other side.

Context

29Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?” 30Yesu nso maa no mfatoho bi sɛ, “Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ. 31Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ. 32Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn. 33Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee hɔ. Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.