Luka 10:29
Luke 10:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?”
Luke 10:29 in English
Luke 10:29 · Berean Standard Bible
But wanting to justify himself, he asked Jesus, “And who is my neighbor?”
Context
27Ɔbuaa no sɛ, “Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ ” 28Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa.” 29Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?” 30Yesu nso maa no mfatoho bi sɛ, “Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ. 31Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.