3 Mose 8:10
Leviticus 8:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho.
Leviticus 8:10 in English
Leviticus 8:10 · Berean Standard Bible
Next, Moses took the anointing oil and anointed the tabernacle and everything in it; and so he consecrated them.
Context
8Afei, Mose de adaaboɔ fam Aaron bo de Urim ne Tumim no hyɛɛ mu. 9Ɔbɔɔ Aaron abotire a ɛwɔ sika abɔnimu kronkron sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. 10Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho. 11Ɔduruu afɔrebukyia no so no, ɔpetee so mprɛnson. Afei, ɔpetee nkukuo a ɛwɔ afɔrebukyia no so no ne atam ne ne ntaamu ho de tee ho. 12Afei, ɔhwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tee ne ho sɛ ɔnhyɛ nʼadwuma ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.