Native Bible

Leviticus 7:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ yadeɛ bi bɔ aboa bi na ɔwu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforɔ bi so kum no a, wɔnnni ne sradeɛ na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforɔ.

Leviticus 7:24 in English

Leviticus 7:24 · Berean Standard Bible

The fat of an animal found dead or mauled by wild beasts may be used for any other purpose, but you must not eat it.

Context

22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 23“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnnni sradeɛ, sɛ ɛfiri anantwie, nnwan anaa mmirekyie mu. 24Sɛ yadeɛ bi bɔ aboa bi na ɔwu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforɔ bi so kum no a, wɔnnni ne sradeɛ na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforɔ. 25Obiara a ɔbɛdi sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, wɔbɛtwa no asuo. 26Monnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.