Native Bible

Leviticus 26:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no.

Leviticus 26:42 in English

Leviticus 26:42 · Berean Standard Bible

then I will remember My covenant with Jacob and My covenant with Isaac and My covenant with Abraham, and I will remember the land.

Context

40“ ‘Nanso akyire no, me nkurɔfoɔ bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛdeɛ wɔdii me hwammɔ na wɔtiaa me no. 41Sɛ me nso metia wɔn te sɛ deɛ ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfoɔ asase so a, afei, wɔn akomaden no ano bɛbrɛ ase, na wɔbɛtua wɔn bɔne so ka. 42Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no. 43Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara. 44Na deɛ wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔne mʼapam no korakora, ɛfiri sɛ, mene Awurade wɔn Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.