Native Bible

Leviticus 21:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.

Leviticus 21:5 in English

Leviticus 21:5 · Berean Standard Bible

Priests must not make bald spots on their heads, shave off the edges of their beards, or make cuts in their bodies.

Context

3anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no. 4Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no. 5“ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. 6Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn. 7“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.