Native Bible

Leviticus 19:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini.

Leviticus 19:21 in English

Leviticus 19:21 · Berean Standard Bible

The man, however, must bring a ram to the entrance to the Tent of Meeting as his guilt offering to the LORD.

Context

19“ ‘Monni me mmara so: “ ‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi. “ ‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu. “ ‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye. 20“ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho. 21Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini. 22Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no. 23“ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.