3 Mose 18:16
Leviticus 18:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea.
Leviticus 18:16 in English
Leviticus 18:16 · Berean Standard Bible
You must not have sexual relations with your brother’s wife; that would shame your brother.
Context
14“ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no. 15“ ‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase. 16“ ‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea. 17“ ‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso. 18“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.