Native Bible

Leviticus 14:53 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔbɛgyae anomaa a ɔnwuiɛ no ama watu akɔ kuro no akyi baabi. Yei ne ɛkwan a wɔfa so de yɛ mpatadeɛ de ma efie sane de dwira ho no.”

Leviticus 14:53 in English

Leviticus 14:53 · Berean Standard Bible

Finally, he is to release the live bird into the open fields outside the city. In this way he will make atonement for the house, and it will be clean.

Context

51na ɔde sida dua no ne hisope mman ne ahoma kɔkɔɔ ne anomaa a wɔnkum no no anu anomaa a wakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete efie no mprɛnson. 52Wɔyɛ yei de te efie no ho. 53Afei, ɔbɛgyae anomaa a ɔnwuiɛ no ama watu akɔ kuro no akyi baabi. Yei ne ɛkwan a wɔfa so de yɛ mpatadeɛ de ma efie sane de dwira ho no.” 54Yeinom ne mmara a ɛfa mmeammea a kwata ba hɔ ho. 55Sɛ ɛyɛ atadeɛ mu anaa efie mu,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.