Native Bible

Leviticus 11:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi.

Leviticus 11:36 in English

Leviticus 11:36 · Berean Standard Bible

Nevertheless, a spring or cistern containing water will remain clean, but one who touches a carcass in it will be unclean.

Context

34Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara. 35Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo. 36Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi. 37Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi, 38nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.