3 Mose 10:9
Leviticus 10:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
Leviticus 10:9 in English
Leviticus 10:9 · Berean Standard Bible
“You and your sons are not to drink wine or strong drink when you enter the Tent of Meeting, or else you will die; this is a permanent statute for the generations to come.
Context
7Na mommfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, anyɛ saa a mobɛwuwu, ɛfiri sɛ, Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wɔdii asɛm a Mose kaeɛ no so. 8Afei, Awurade hyɛɛ Aaron sɛ, 9“Sɛ wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 10Wo nnwuma ne sɛ, wobɛdi wo nkurɔfoɔ ntam nsɛm akyerɛ wɔn nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛyɛ teta ntam ne deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam, 11na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.