3 Mose 10:3
Leviticus 10:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Awurade kaa sɛ, “ ‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa ahyɛ me animuonyam no, aseɛ ne no.’” Na asɛm no tɔree Aaron mumu.
Leviticus 10:3 in English
Leviticus 10:3 · Berean Standard Bible
Then Moses said to Aaron, “This is what the LORD meant when He said: ‘To those who come near Me I will show My holiness, and in the sight of all the people I will reveal My glory.’” But Aaron remained silent.
Context
1Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri sɛ wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim. 2Enti ogya dɛreɛ firi Awurade nkyɛn bɛhyee wɔn. 3Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Awurade kaa sɛ,
“ ‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ
wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa
ahyɛ me animuonyam no,
aseɛ ne no.’”
Na asɛm no tɔree Aaron mumu. 4Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi.” 5Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.