Native Bible

Leviticus 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”

Leviticus 10:15 in English

Leviticus 10:15 · Berean Standard Bible

They are to bring the thigh of the contribution and the breast of the wave offering, together with the fat portions of the offerings made by fire, to wave as a wave offering before the LORD. It will belong permanently to you and your children, as the LORD has commanded.”

Context

13Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ. 14Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu. 15Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.” 16Ɛberɛ a Mose bisaa deɛ ayɛ abirekyie a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ no ho asɛm no, ɔhunuu sɛ wɔahye no. Ɛno enti, ne bo fuu Eleasa ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmammarima no. 17“Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moanwe bɔne afɔrebɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdie na ɛnyɛ mpatadeɛ mma wɔn wɔ Awurade anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.