3 Mose 10:13
Leviticus 10:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ.
Leviticus 10:13 in English
Leviticus 10:13 · Berean Standard Bible
You shall eat it in a holy place, because it is your share and your sons’ share of the offerings made by fire to the LORD; for this is what I have been commanded.
Context
11na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.” 12Afei, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Sɛ mohye Awurade afɔrebɔdeɛ no nsabuo ma Awurade a, monni deɛ ɛbɛka no wɔ afɔrebukyia no ho. Monhwɛ sɛ mmɔka nni mu ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 13Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ. 14Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu. 15Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.