3 Mose 1:6
Leviticus 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ.
Leviticus 1:6 in English
Leviticus 1:6 · Berean Standard Bible
Next, he is to skin the burnt offering and cut it into pieces.
Context
4Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua. 5Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa. 6Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ. 7Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. 8Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.