Kwadwom 3:43
Lamentations 3:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.
Lamentations 3:43 in English
Lamentations 3:43 · Berean Standard Bible
You have covered Yourself in anger and pursued us; You have killed without pity.
Context
41Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so,
nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ: 42“Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua
na woamfa ankyɛ. 43“Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn;
na wakunkum a woannya ahummɔborɔ. 44Wode wo ho asie omununkum mu
enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn. 45Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira
wɔ amanaman no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.