Kwadwom 2:16
Lamentations 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom kakraa tia wo; wɔsere na wɔtwɛre wɔn se na wɔka sɛ, “Yɛamene no. Ɛda a na yɛretwɛn no nie; Yɛatena ase ahunu.”
Lamentations 2:16 in English
Lamentations 2:16 · Berean Standard Bible
All your enemies open their mouths against you. They hiss and gnash their teeth, saying, “We have swallowed her up. This is the day for which we have waited. We have lived to see it!”
Context
14Wʼadiyifoɔ anisoadehunu
yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ;
wɔanna mo amumuyɛ adi
ansi mo nnommumfa ano.
Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no
yɛ atorɔ ne nnaadaa. 15Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa
bobɔ wɔn nsam gu wo so;
wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri
gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ,
“Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no
ahoɔfɛ a ɛdi mu no?
Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?” 16Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom
kakraa tia wo;
wɔsere na wɔtwɛre wɔn se
na wɔka sɛ, “Yɛamene no.
Ɛda a na yɛretwɛn no nie;
Yɛatena ase ahunu.” 17Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ;
wama nʼasɛm a
ɔhyɛɛ dadaada no aba mu.
Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ,
wama ɔtamfoɔ no ani agye
wama wʼatamfoɔ no mmɛn so. 18Nnipa no akoma
su frɛ Awurade.
Ao, Sion Ɔbabaa fasuo,
ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten
awia ne anadwo;
nnye wʼahome
mma wʼani nso nnya ahomeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.