Yosua 22:29
Joshua 22:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no.”
Joshua 22:29 in English
Joshua 22:29 · Berean Standard Bible
Far be it from us to rebel against the LORD and turn away from Him today by building an altar for burnt offerings, grain offerings, or sacrifices, other than the altar of the LORD our God, which stands before His tabernacle.”
Context
27na mmom sɛ nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no sɛ, ‘Monni kyɛfa wɔ Awurade mu.’ 28“Sɛ wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka sɛ, ‘Monhwɛ Awurade afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’ 29“Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no.” 30Ɔsɔfoɔ Pinehas ne mpanimfoɔ edu no tee nsɛm yi firii Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 31Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn sɛ, “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ, monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka Awurade de reba wɔn so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.