Native Bible

Joshua 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ.

Joshua 2:4 in English

Joshua 2:4 · Berean Standard Bible

But the woman had taken the two men and hidden them. So she said, “Yes, the men did come to me, but I did not know where they had come from.

Context

2Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.” 4Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ. 5Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6(Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.)

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.