Yosua 19:48
Joshua 19:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no agyapadeɛ, saa nkuro yi ne wɔn nkuraaseɛ.
Joshua 19:48 in English
Joshua 19:48 · Berean Standard Bible
This was the inheritance of the clans of the tribe of Dan, including these cities and their villages.
Context
46Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim. 47Nanso, Dan abusuakuo no nyaa akwansideɛ wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wɔdii kuro no so, kunkumm mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kuro no. 48Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no agyapadeɛ, saa nkuro yi ne wɔn nkuraaseɛ. 49Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuo no wieeɛ no, Israelfoɔ no maa Yosua asase sini sononko bi sɛ nʼagyapadeɛ. 50Na Awurade aka sɛ kuro biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɔkyekyeree kuro no foforɔ na ɔtenaa hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.