Native Bible

Joshua 19:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam.

Joshua 19:24 in English

Joshua 19:24 · Berean Standard Bible

The fifth lot came out for the clans of the tribe of Asher:

Context

22Ɛhyeɛ no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akɔwie Asubɔnten Yordan ho. Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. 23Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no agyapadeɛ. 24Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam. 25Nʼahyeɛ no fa saa nkuro yi so: Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, 26Alamelek, Amad ne Misal. Ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam no firi Karmel kɔ Sihor-Libnat,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.