Yosua 15:46
Joshua 15:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho.
Joshua 15:46 in English
Joshua 15:46 · Berean Standard Bible
from Ekron to the sea, all the cities near Ashdod, along with their villages;
Context
44Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ nkron. 45Ekron nkuro ne nkuraaseɛ nyinaa ka Yuda asase ho, 46ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho. 47Saa ara na Asdod nkuro ne ne nkuraaseɛ, Gasa nkuro ne ne nkuraaseɛ kɔsi Misraim asuwa no, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ no mpoano ka ho. 48Yuda sane nyaa nkuro a ɛdidi so yi a na ɛwɔ nkokoɔ asase so:
Samir ne Yatir ne Soko,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.