Native Bible

Joshua 13:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ.

Joshua 13:33 in English

Joshua 13:33 · Berean Standard Bible

To the tribe of Levi, however, Moses had given no inheritance. The LORD, the God of Israel, is their inheritance, just as He had promised them.

Context

31Gilead fa ne ɔhene Og ahenkuro, Astarot ne Edrei ka ho. Wɔde yeinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefoɔ. 32Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam. 33Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.