Native Bible

Joshua 13:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu.

Joshua 13:15 in English

Joshua 13:15 · Berean Standard Bible

This is what Moses had given to the clans of the tribe of Reuben:

Context

13Nanso, Israelfoɔ no antu Gesurfoɔ ne Maakafoɔ enti wɔtenaa Israelfoɔ no mu de bɛsi ɛnnɛ. 14Na Lewi abusuakuo no deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara. Wɔn agyapadeɛ firi afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ afɔrebukyia so ma Awurade, Israel Onyankopɔn no. 15Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu. 16Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so. 17Nkuro ne nkuraase a ɛkeka hoɔ nie: Hesbon ne nkuro a ɛdeda ɛserɛ so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.