Native Bible

Joshua 10:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.”

Joshua 10:4 in English

Joshua 10:4 · Berean Standard Bible

“Come up and help me. We will attack Gibeon, because they have made peace with Joshua and the Israelites.”

Context

2Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. 3Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 4“Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.” 5Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so. 6Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.